7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
5 Wɔkaa sɛ, ‘Mo nyinaa, obiara nnane mfiri ne kwammɔne ho ne ne nneyɛɛ bɔne ho,+ na moatena asase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom firi tete no so de akɔsi daa.+
6 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Monsan mmra, monnane mo ho mfiri mo abosom fĩ no ho mmra;+ monnane mo ani mfiri akyiwadeɛ+ a moreyɛ no nyinaa ho;