2 Samuel 14:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Owuo deɛ, yɛbɛwu,+ na yɛbɛyɛ sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi nsesa bio. Nanso Onyankopɔn renyi ɔkra bi mfiri hɔ,+ na wadwene deɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ wɔatwa no asuo no bɛsan aba. Hesekiel 18:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 “‘Ɔbɔnefoɔ wuo na m’ani gye ho anaa?+ Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɛdane afiri n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. Luka 15:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Enti, mese mo sɛ, anigyeɛ ba Onyankopɔn abɔfoɔ mu wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakra ho.”+ 1 Timoteo 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 ɔno na ɔpɛ sɛ ɔgye+ nnipa ahodoɔ nyinaa+ ma wɔbɛnya nokorɛ+ no ho nimdeɛ+ a ɛdi mũ.
14 Owuo deɛ, yɛbɛwu,+ na yɛbɛyɛ sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi nsesa bio. Nanso Onyankopɔn renyi ɔkra bi mfiri hɔ,+ na wadwene deɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ wɔatwa no asuo no bɛsan aba.
23 “‘Ɔbɔnefoɔ wuo na m’ani gye ho anaa?+ Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɛdane afiri n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.