Yesaia 49:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na me deɛ, mekaa sɛ: “Mabrɛ agu.+ Masɛe m’ahoɔden wɔ adehunu ne ahuhudeɛ ho.+ Nanso m’atemmuo wɔ Yehowa hɔ,+ na m’akatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”+ Yeremia 45:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso wo deɛ, nneɛma akɛseɛ na worehwehwɛ.+ Gyae hwehwɛ.”’+ “‘Na hwɛ, mede mmusuo reba honam nyinaa so,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.’”+ Hesekiel 33:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwan so na wansan a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+ Asomafoɔ Nnwuma 18:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Berɛ a wɔne no dii asie na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporoo n’atadeɛ mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me deɛ, me ho afi.+ Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman mufoɔ nkyɛn.”+ Asomafoɔ Nnwuma 20:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Enti meyi mo adansefoɔ nnɛ da yi sɛ me ho afi, nnipa nyinaa mogya ho,+
4 Na me deɛ, mekaa sɛ: “Mabrɛ agu.+ Masɛe m’ahoɔden wɔ adehunu ne ahuhudeɛ ho.+ Nanso m’atemmuo wɔ Yehowa hɔ,+ na m’akatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”+
5 Nanso wo deɛ, nneɛma akɛseɛ na worehwehwɛ.+ Gyae hwehwɛ.”’+ “‘Na hwɛ, mede mmusuo reba honam nyinaa so,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.’”+
9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwan so na wansan a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+
6 Berɛ a wɔne no dii asie na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporoo n’atadeɛ mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me deɛ, me ho afi.+ Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman mufoɔ nkyɛn.”+