8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Ɔbɔnefoɔ, owuo na wobɛwuo,’+ na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amma no amfiri ne kwan so a,+ ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɔ mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam.
6 Berɛ a wɔne no dii asie na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporoo n’atadeɛ mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me deɛ, me ho afi.+ Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman mufoɔ nkyɛn.”+