12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yɛnnim yei”+ a, so deɛ ɔkari akoma no renhunu,+ na deɛ ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhunu,+ na ɔrentua ɔdasani ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ anaa?+
9 Me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so.+ Meremma wɔntena me man fekuo+ mu, merentwerɛ wɔn din nka Israel fie twerɛtohɔ ho,+ na wɔremma Israel asase so;+ na mobɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa,+