Yeremia 14:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+ Yeremia 28:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asase so. Afe yi, owuo na wobɛwuo,+ ɛfiri sɛ woakasa atuateɛ so atia Yehowa.’”+ Yeremia 29:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 ‘Nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm nie.”’”
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asase so. Afe yi, owuo na wobɛwuo,+ ɛfiri sɛ woakasa atuateɛ so atia Yehowa.’”+