23 Enti mesɔre kɔɔ asasetamaa no so, na mehunuu Yehowa animuonyam sɛ ɛgyina hɔ+ te sɛ animuonyam a mehunuu no Kebar asubɔnten+ ho no, na mede m’anim butuu fam.+
3 Ná ɛte sɛ anisoadeɛ a mehunuiɛ no,+ deɛ mehunuiɛ berɛ a mebaa sɛ merebɛsɛe kuro no,+ ne deɛ mehunuu no Kebar+ asubɔnten ho a mede m’anim butuu fam no.
17 Enti ɔbaa deɛ megyina hɔ. Nanso berɛ a ɔbaeɛ no, mebɔɔ hu, na mede m’anim butuu fam. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ te aseɛ+ sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ berɛ no ho.”+