7 Mɛtua wɔn ara wɔn amumuyɔ ne wɔn agyanom amumuyɔ so ka prɛko,”+ Yehowa na aka. “Ɛsiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so, na wɔbɔɔ me ahohora+ wɔ nkokoɔ soɔ+ nti, me nso, deɛ ɛdi kan koraa no, mɛsusu wɔn akatua de agu wɔn kokom.”+
20 “‘Mefiri tete na mebubuu wo kɔndua+ mu asinasini; metetee wo nkyehoma mu. Nanso wokaa sɛ: “Merensom wo,” ɛfiri sɛ wodaa+ nkokoɔ atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ adwaman.+
28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔdeɛ wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔdeɛ hwamhwam+ guu nsã wɔ hɔ.+