19 Wo bɔne bɛtene wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hunu sɛ ɛyɛ bɔne ne adeɛ a ɛyɛ nwono+ sɛ woagya Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm nie.
19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛseɛ, ahohia berɛ mu dwankɔbea,+ wo nkyɛn na amanaman no firi asase+ ano bɛba abɛka sɛ: “Atorɔ+ nko na yɛn agyanom bɛtoeɛ, ahuhudeɛ ne nneɛma a mfasoɔ nni soɔ.”+
13 O Yehowa, Israel anidasoɔ,+ wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwu.+ Wɔn a wɔwae firi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛtwerɛ wɔn din, ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa a ɔyɛ nkwa nsutire no.+