Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 17:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 wɔmaa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa faa gya mu+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa,+ na wɔtɔn+ wɔn ho yɛɛ Yehowa ani so bɔne de hyɛɛ no abufuo.+

  • 2 Berɛsosɛm 28:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɔhyee afɔrebɔdeɛ+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔhyee ne mma+ wɔ gya mu nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no bi.+

  • 2 Berɛsosɛm 33:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa gya mu+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔdii nkonyaayie+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.+

  • Dwom 106:38
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 Enti wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+

      Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya

      Bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaanfoɔ ahoni,+

      Na mogyahwieguo maa asase no ho guu fĩ.+

  • Yesaia 57:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛseɛ ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wɔkum mmɔfra wɔ abɔn mu, abotan mu ntokuro mu anaa?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane