22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa,+ yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia+ atutu ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔrebukyia na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto wɔ Yerusalem’ no?”’+
12 Ɛnyɛ Hesekia yi ara na ɔyiyii ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔrebukyia+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔrebukyia+ baako anim na monkoto,+ na ɛno ara so na monhye afɔrebɔdeɛ”+ no?