2 Ahemfo
18 Ɛbaa sɛ Ela ba, Israel hene Hosea+ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Ahas+ ba Hesekia+ bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii adeɛ no na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abi a ɔyɛ Sakaria ba.+ 3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no ara.+ 4 Ɔno na ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no,+ na ɔbubuu abosom adum+ no pasaa, ɔtwaa bosom+ dua no, na ɔbubuu kɔbere ɔwɔ+ a Mose yɛeɛ+ no nso pasaa, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no, na Israelfoɔ hye afɔrebɔdeɛ+ ma no, na wɔfrɛɛ no kɔbere ɔwɔ honi.+ 5 Yehowa, Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ;+ n’akyi no, obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahemfo mu,+ na obiara anni n’anim saa.+ 6 Ɔbataa Yehowa ho.+ Wannane amfiri n’akyi, na mmom ɔdii Yehowa mmara nsɛm a ɔhyɛɛ Mose no so.+ 7 Yehowa dii n’akyi.+ Ɔyɛɛ n’adeɛ nyansam wɔ biribiara mu;+ ɔtee Asiria hene so atua, na wansom no.+ 8 Ɔno na ɔkunkum Filistifoɔ+ kɔduruu Gasa+ ne n’ahyeɛ so, ɛfiri awɛmfoɔ aban+ so kɔsi kuro a wɔabɔ ho ban so.
9 Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Ela ba, Israel hene Hosea+ afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiria hene Salmaneser+ baa Samaria so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+ 10 Mfeɛ mmiɛnsa rekɔ awieeɛ no, ɔdii so nkonim;+ Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛyɛ Israel hene Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na wɔdii Samaria so nkonim.+ 11 Ɛno akyi no, Asiria hene+ de Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor+ wɔ asubɔnten Gosan ho ne Mediafoɔ nkuro mu,+ 12 ɛfiri sɛ wɔantie+ Yehowa wɔn Nyankopɔn nne, na mmom wɔbuu n’apam+ so, kyerɛ sɛ, deɛ Yehowa akoa Mose+ hyɛɛ wɔn+ no nyinaa; wɔantie na wɔanyɛ.
13 Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiria hene+ Senaherib+ baa Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no nyinaa so bɛfaeɛ. 14 Ɛnna Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Mayɛ bɔne. San firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ biara, mɛtua.”+ Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ+ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa. 15 Na Hesekia de dwetɛ a ɛwɔ Yehowa fie+ ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa maa no.+ 16 Saa berɛ no, Hesekia twitwaa Yehowa asɔrefie no apono+ ne aponnwa a Yuda hene Hesekia de sika duraa ho+ no, na ɔde maa Asiria hene.
17 Na Asiria+ hene somaa Tartan+ ne Rabsaris ne Rabsake+ firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem, enti wɔsiim kɔɔ Yerusalem. Wɔkɔeɛ no, wɔkɔgyinaa atifi fam tadeɛ+ no suka+ ho, tempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asase+ soɔ no so. 18 Na wɔteaam frɛɛ ɔhene no, na Hilkia ba Eliakim+ a ɔyɛ fiepanin, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye bɛhyiaa wɔn.
19 Ɛnna Rabsake+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ ɔhenkɛseɛ,+ Asiria hene, aka nie: “Ɛdeɛn koraa na wode wo ho ato soɔ yi?+ 20 Wokaa sɛ, ‘Mewɔ nyansa+ ne ahoɔden a mɛtumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ anosɛm ara kwa. Hwɛ, hwan koraa na wode wo ho ato ne so a enti woate atua+ atia me yi? 21 Wo ara hwɛ! Egypt+ na wode wo ho ato ne soɔ, demmire+ a emu abuo a sɛ onipa twere a ɛbɛwɔ ne nsam ahwire mu yi. Saa na Egypt hene Farao+ teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa. 22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa,+ yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia+ atutu ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔrebukyia na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto wɔ Yerusalem’ no?”’+ 23 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene nto nkyea+ na memma wo apɔnkɔ mpem mmienu, na hwɛ sɛ wobɛtumi anya mmarima atenatena so anaa.+ 24 Na sɛ nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefoɔ+ nti na wode wo ho ato Egypt so a, wobɛyɛ dɛn atumi ako atia me wura nkoa nkumaa no mu amrado+ baako mpo? 25 Wogye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛba sɛ merebɛsɛe ha? Yehowa na ɔka kyerɛɛ me sɛ,+ ‘Kɔ asase yi so na kɔsɛe no.’”
26 Ɛnna Hilkia ba Eliakim+ ne Sebna+ ne Yoa+ ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Siria kasa,+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa+ mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no soɔ no nnte.” 27 Nanso Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo wura ne mo nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ wɔn a wɔtete fasuo no soɔ nti, sɛdeɛ ɛbɛma wɔadi wɔn tiafi+ na wɔanom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?”+
28 Afei Rabsake gyinaa yie, na ɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa+ mu kaa sɛ: “Montie ɔhenkɛseɛ,+ Asiria hene no, asɛm. 29 Deɛ ɔhene aka nie, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri me nsam.+ 30 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so+ nnka sɛ: “Ɔgyeɛ na Yehowa bɛgye+ yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 31 Monntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mongo mo ho mma me na mommra me nkyɛn na obiara nni ɔno ara ne bobe ne ne borɔdɔma,+ na ɔnnom ɔno ara n’abura mu nsuo,+ 32 nkɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo ara mo asase soɔ,+ asase a ayuo ne nsã foforɔ wɔ soɔ, asase a paanoo+ ne bobe nturo+ wɔ soɔ, asase a ngodua ne ɛwoɔ+ wɔ soɔ, na moatena nkwa mu, na moanwuwu. Monntie Hesekia ɛfiri sɛ sɛ ɔka sɛ, ‘Yehowa bɛgye yɛn’+ a, na ɔredaadaa mo. 33 Amanaman no anyame no bi atumi agye+ ne nkurɔfoɔ afiri Asiria hene nsam pɛn?+ 34 Hamat+ ne Arpad+ anyame no wɔ he? Sefarwayim+ ne Hena+ ne Iwa+ anyame no nso wɔ he? Wɔatumi agye Samaria afiri me nsam anaa?+ 35 Amanaman no anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam+ a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+
36 Nanso nkurɔfoɔ no yɛɛ komm+ na wɔanka asɛm biara,+ ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ 37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim+ a ɔyɛ efiepanin, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa+ a ɔyɛ ɔhene krakye sunsuanee wɔn ntadeɛ mu+ kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.