2 Ahemfo
19 Berɛ a Ɔhene Hesekia+ tee asɛm no ara na ɔsuanee n’atadeɛ mu+ na ɔfiraa atweaatam+ kɔɔ Yehowa fie.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim+ a ɔyɛ efiepanin, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne asɔfoɔ mpanimfoɔ kɔɔ Amus+ ba odiyifoɔ Yesaia+ nkyɛn; ná wɔfirafira atweaatam. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahohia+ ne animka+ ne nsopa+ da, ɛfiri sɛ mma abɛduru awotwaa ano,+ nanso ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte+ Rabsake nsɛm no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa+ Onyankopɔn teasefoɔ no. Na nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn ateɛ no nti, ɔbɛma no abu ho akonta.+ Ɛno nti bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka+ wɔ ha no.’”
5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:+ “Mma nsɛm a Asiria hene nkoa aka atia me+ a woteeɛ no mmmɔ wo hu.+ 7 Mede honhom+ bi bɛhyɛ ne mu, na ɔbɛte amanneɛbɔ+ bi na wasan akɔ n’asase so, na mɛma no atɔ nkrantɛ ano wɔ ɔno ara n’asase so.”’”+
8 Afei Rabsake+ san n’akyi kɔeɛ, na ɔkɔtoo sɛ Asiria hene ne Libna+ reko. Saa berɛ no na wate sɛ wafiri Lakis.+ 9 Ná ɔhene no ate sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Enti ɔsan somaa abɔfoɔ+ kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne soɔ no nnnaadaa wo+ sɛ: “Wɔremfa Yerusalem+ nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Wo ara woate deɛ Asiria ahemfo de yɛɛ nsase no nyinaa, sɛdeɛ wɔsɛee wɔn pasaa+ no; wo na wobɛnya wo tiri adidi mu anaa?+ 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame+ tumi gyee wɔn anaa? Wɔtumi gyee Gosan+ ne Haran+ ne Resef ne Eden+ mma a na wɔwɔ Tel-Asar+ no? 13 Ɛhe na Hamat+ hene ne Arpad+ hene ne Sefarwayim ne Hena ne Iwa+ nkuro so ahemfo no wɔ?’”
14 Ɛnna Hesekia gyee krataa no firii abɔfoɔ no nsam kenkaneeɛ,+ na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so+ ahennie+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+ 16 O Yehowa, yɛ aso na tie.+ Yehowa, bue w’ani,+ na hwɛ, na tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmɛtwa+ Onyankopɔn teasefoɔ no mpoa. 17 Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsase.+ 18 Na wɔtoo wɔn anyame guu egya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ, enti wɔsɛee wɔn. 19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn,+ yɛsrɛ wo, gye yɛn+ firi ne nsam na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+
20 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie,+ ‘Mpaeɛ+ a woabɔ no Asiria hene Senaherib ho no, mate.+ 21 Yehowa asɛm a waka atia no nie:
“Sion babaa, ɔbaabunu no, abu wo animtia,+ na wo ho yɛ no sere.+
22 Hwan na woatwa no mpoa+ akasa atia no yi?+
Hwan na woama wo nne so wɔ ne soɔ+
Na wohããhãã w’ani kyerɛ no yi?+
Ɛyɛ Israel Kronkronni+ no!
23 Wonam abɔfoɔ+ so atwa Yehowa mpoa aka sɛ,+
‘Mede me nteaseɛnam bebree no bɛkɔ,+
Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,+
Na makɔ Lebanon+ akyirikyiri nohoa;
Mɛtwitwa ne ntweneduro+ atenten no ne ne popaw nnua+ fɛfɛ no agu.
Mɛhyɛn mu akɔduru ne tenabea a ɛwɔ akyirikyiri nohoa, ne kwaeɛ turo+ mu.
25 Wonteeɛ anaa?+ Mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ akyɛ.+
Ɛfiri tete na mehyɛ too hɔ.+
Afei mɛma no aba mu.+
Na wobɛma nkuro a ɛyɛ den adane amamfõ a wɔayɛ no pasaa.+
26 Na emu nnipa nsam bɛhodwo;+
Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.+
Wɔbɛyɛ sɛ asase so wura ne serɛ mono,+
27 Sɛdeɛ wote hɔ dwoodwoo+ ne wo nkorɔeɛ ne wo mmaeɛ nyinaa, menim,+
Na menim sɛdeɛ w’ani abere me soɔ,+
28 W’ani abere me so+ na wo mmobɔmu abɛduru m’asom.+
Enti me nso mede me daawa bɛwura wo hwene mu na mede me nnareka ato w’ano,+
Na ɛkwan a wofaa so baa ha no, ɛno ara so na mɛma woafa akorɔ.”+
29 “‘Yei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:+ Afe yi, mobɛdi ntwakaeɛ a afifire;+ afe a ɛtɔ so mmienu no, mobɛdi aba a ɛno ara afifire; nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mongu aba+ na montwa, na monyɛ bobe nturo na monni mu aba.+ 30 Na Yuda fiefoɔ a wɔafiri mu aka+ no bɛgye nhini akɔ fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba.+ 31 Na nkaefoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,+ na nnipa a wɔafiri mu aka bɛfiri Bepɔ Sion+ so aba. Asafo Yehowa nnamyɛ+ na ɛbɛyɛ yei.
32 “‘Ɛno nti na Yehowa aka yei afa Asiria hene ho no:+ “Ɔremma kuro yi mu,+ na ɔrento agyan+ mma ha; ɔremfa ɛkyɛm mma ha, na ɔrensi akoban+ wɔ ho. 33 Yehowa aka sɛ, ɛkwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛfa akorɔ, na ɔremma kuro yi mu.+ 34 Na ko na mɛko agye kuro yi,+ me+ ne m’akoa Dawid+ nti.”’”
35 Na anadwo no ara Yehowa bɔfoɔ firi kɔkunkum Asiriafoɔ nsraban+ no mu nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe nnum.+ Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔnkɔhwɛ a, wɔn nyinaa afunu sam hɔ.+ 36 Ɛno nti Asiria hene Senaherib+ san n’akyi kɔeɛ,+ na ɔkɔtenaa Niniwe.+ 37 Ɛbaa sɛ berɛ a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kuu no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.