Deuteronomium 28:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Nhyira bɛka wo, wo mmaeɛ mu na nhyira aka wo, wo nkorɔeɛ mu.+ Dwom 121:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yehowa bɛwɛn wo nkorɔeɛ ne wo mmaeɛ+Afiri nnɛ de akɔsi daa.+ Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+