48Montie, Yakob fie, mo a mode Israel+ din ato mo so na mofiri Yuda+ asutire mu, mo a mode Yehowa din ka ntam+ na mobɔ Israel Nyankopɔn din,+ nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu.+
15 O Israel, sɛ worebɔ w’adwaman a,+ hwɛ na woamma Yuda anni fɔ.+ Monnkɔ Gilgal+ na mommforo nnkɔ Bet-Awen,+ na monnka ntam sɛ, ‘Sɛ Yehowa te aseɛ yi!’+