Exodus 20:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+ Deuteronomium 32:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wɔde ananafoɔ anyame+ huruu ne bo;+Na wɔde akyiwadeɛ hyɛɛ no abufuo.+ Yosua 24:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.+ Sɛ mote atua yɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+ Dwom 78:58 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea no hyɛɛ no abufuo,+Na wɔde wɔn ahoni a wɔasene no huruu ne bo.+
5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.+ Sɛ mote atua yɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+