15 Rehoboam ho nsɛm nyinaa, ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ,+ wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Semaia+ ne ɔdehunufoɔ Ido+ nsɛm a wɔahyehyɛ no mu. Na akodie bɛdaa Rehoboam+ ne Yeroboam+ ntam wɔn nna nyinaa.
3 Abia de asraafoɔdɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔɔ ɛko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔhyiaa no.