64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, ɛfiri asase ano kɔsi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.+
29 Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+
11 Ɛno akyi no, Asiria hene+ de Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor+ wɔ asubɔnten Gosan ho ne Mediafoɔ nkuro mu,+