-
1 Ahemfo 12:28-30Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
28 Enti ɔhene ne ne nkurɔfoɔ tuu agyina, na ɔyɛɛ sika anantwie mma mmienu,+ ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfoɔ, mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt asaase so no nie.”+ 29 Ɔde baako sii Betel,+ na ɔde baako a aka no nso sii Dan.+ 30 Wei maa wɔyɛɛ bɔne,+ na Dan a ɛwɔ akyirikyiri no mpo, ɔman no kɔsom ɛhɔ deɛ no.
-