Deuteronomium 32:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+ Dwom 119:89 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 89 O Yehowa, ɛde kɔsi mmerɛsanten no,+W’asɛm tim hɔ wɔ soro.+ Yesaia 14:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Asafo Yehowa no ara asi gyinaeɛ,+ hwan na ɔbɛtumi asɛe no?+ Watene ne nsa, hwan na ɔbɛtumi akoa mu?+ Yesaia 46:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Me na mefiri mfitiaseɛ ka awieeɛ asɛm,+ na mefiri tete ka deɛ ɛnsiiɛ;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ bɛgyina,+ na deɛ ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+ Yesaia 48:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Kane nneɛma no, mekaeɛ akyɛ. Ɛpue firii m’anom, na memaa wɔteeɛ.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no baeɛ.+
35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+
27 Asafo Yehowa no ara asi gyinaeɛ,+ hwan na ɔbɛtumi asɛe no?+ Watene ne nsa, hwan na ɔbɛtumi akoa mu?+
10 Me na mefiri mfitiaseɛ ka awieeɛ asɛm,+ na mefiri tete ka deɛ ɛnsiiɛ;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ bɛgyina,+ na deɛ ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+
3 “Kane nneɛma no, mekaeɛ akyɛ. Ɛpue firii m’anom, na memaa wɔteeɛ.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no baeɛ.+