Yesaia
46 Bel+ butu hɔ,+ na Nebo abɔ ne mu ase. Wɔn ahoni+ abɛyɛ adesoa ama wɔn mmoa ne afieboa, na wɔakyekyere wɔn nnesoa duruduro asoa mmoa a wɔabrɛ. 2 Wɔbɛbɔ wɔn mu ase; wɔn nyinaa bɛbutu hɔ; wɔrentumi nnye+ wɔn ahoni a adane adesoa no, na nkoasom mu na wɔn ara wɔn kra bɛkorɔ.+
3 “Yakob fie ne mo a moaka wɔ Israel fie,+ mo a mefaa mo firii yafunu mu na mesoaa mo firii awotwaa mu nyinaa,+ montie me. 4 Obi mpaninyɛ mu, mete sɛdeɛ meteɛ;+ ne dwono mu, mɛkɔ so aturu no.+ Me ara na mɛyɛ,+ me ara na mede no bɛdi akɔneaba, me ara na mɛturu no na magye no.+
5 “Hwan na mode me bɛtoto ne ho+ na ɔne me ayɛ pɛ, anaa mode no bɛsusu me na ɔne me asɛ?+ 6 Ebinom hwie sika firi kotokuo mu, na wɔde nsania kari dwetɛ. Wɔbɔ ɔtomfoɔ paa ma no de yɛ onyame.+ Afei wɔbɔ wɔn mu ase koto no.+ 7 Wɔde no si wɔn kɔn ho+ kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛgyina faako kyerebenn; ɛntwe ne ho nkɔ benkum anaa nifa.+ Sɛ obi team frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi mfiri n’ahohia mu.+
8 “Monkae yei na monnya akokoɔduro. Momfa nhyɛ mo akomam,+ mo mmaratofoɔ.+ 9 Monkae kane nneɛma a atwam+ no sɛ mene Tweaduampɔn,+ na Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ,+ na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.+ 10 Me na mefiri mfitiaseɛ ka awieeɛ asɛm,+ na mefiri tete ka deɛ ɛnsiiɛ;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ bɛgyina,+ na deɛ ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+ 11 Mɛfrɛ ɔkɔdeɛ kɛseɛ+ afiri awiapueeɛ, na mɛfrɛ ɔbarima a ɔbɛma me tirimbɔ aba mu afiri akyirikyiri.+ Makasa, na mɛma no aba mu;+ mabɔ me tirim, na mɛyɛ.+
12 “Montie me, mo a mo akoma apirim,+ mo a mo ne tenenee ntam kwan ware.+ 13 Mama me tenenee abɛn.+ Ɛnni akyiri koraa,+ na me nkwagyeɛ renka akyi.+ Mede nkwagyeɛ bɛba Sion na mede m’animuonyam ama Israel.”+