3 Na adeɛ kyeeɛ a Asdodfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon ahwe ase ama n’anim butu fam Yehowa adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne sibea.+
3Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi+ bi a ne tenten yɛ basafa aduosia, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na ɔde sii Dura asasetamaa so wɔ Babilon mantam no mu.+