4 Ɔgye firii wɔn hɔ na ɔnane de adwinnadeɛ yɛɛ+ no nantwie ba honi a wɔaguo.+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asase soɔ.”+
9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro no ntraantraa firi Tarsis+ ba, na wɔde sika nso firi Ufas+ ba; ɛyɛ odwumfoɔ ne ɔtomfoɔ nsa ano adwuma. Ahoma bruu ntoma ne ntoma a ɛbere dum na ɛfira wɔn. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+
18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ+ soɔ?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfoɔ de ne ho to deɛ wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a ɛntumi nkasa?+