Numeri 22:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ deɛ mɛka akyerɛ woɔ nko ara na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔeɛ. 2 Berɛsosɛm 18:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Nanso Mikaia kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.”+ Yeremia 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Nka sɛ, ‘Meyɛ abɔfra.’ Na mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ, na asɛm biara a mɛhyɛ woɔ no, ka.+ Yeremia 23:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Odiyifoɔ a ɔsõ daeɛ no, ma no nka daeɛ no, na deɛ m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma no nka m’asɛm no nokorɛm.”+ “Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?”+ Yehowa asɛm nie. Hesekiel 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn akoma apirim+—yeinom nkyɛn na meresoma woɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ 2 Petro 1:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmaa da,+ na mmom deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ na nnipa kaeɛ+ sɛdeɛ honhom kronkron kaa wɔn no.+
35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ deɛ mɛka akyerɛ woɔ nko ara na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔeɛ.
7 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Nka sɛ, ‘Meyɛ abɔfra.’ Na mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ, na asɛm biara a mɛhyɛ woɔ no, ka.+
28 Odiyifoɔ a ɔsõ daeɛ no, ma no nka daeɛ no, na deɛ m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma no nka m’asɛm no nokorɛm.”+ “Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?”+ Yehowa asɛm nie.
4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn akoma apirim+—yeinom nkyɛn na meresoma woɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’
21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmaa da,+ na mmom deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ na nnipa kaeɛ+ sɛdeɛ honhom kronkron kaa wɔn no.+