5 Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: “Mo ne aberanteɛ Absalom nni no brɛbrɛ+ mma me.” Berɛ a ɔhene de Absalom ho ahyɛdeɛ no rema asahene no, nnipa no nyinaa teeɛ.
14 N’ano siiɛ no, Yoab kaa sɛ: “Merentwentwɛn me nan ase w’anim bio!” Ɛnna ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔto wɔɔ+ Absalom akomam wɔ dua kɛseɛ no mu+ berɛ a nkwa da so wɔ ne mu no.