Ɔsɛnkafoɔ 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu nimdeɛ nyinaa,+ sɛ ɛma obi ne ne yɔnko si akan;+ yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie. Luka 22:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na akasakasa gyegyeegye bi nso sɔree wɔn ntam wɔ wɔn mu deɛ ɔyɛ kɛseɛ ho.+ Luka 22:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ te sɛ kumaa koraa,+ na deɛ ɔdi animu no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.+ Galatifoɔ 5:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Mommma yɛmmpɛ animuonyamhunu, nnsi akan,+ mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.+ Filipifoɔ 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 na mommfa mansotwe+ anaa animuonyamhunupɛ+ nnyɛ biribiara, na mmom momfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo;+
4 Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu nimdeɛ nyinaa,+ sɛ ɛma obi ne ne yɔnko si akan;+ yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie.
26 Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ te sɛ kumaa koraa,+ na deɛ ɔdi animu no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.+
3 na mommfa mansotwe+ anaa animuonyamhunupɛ+ nnyɛ biribiara, na mmom momfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo;+