1 Samuel 28:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna Filistifoɔ boaboaa wɔn ho ano, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban wɔ Gilboa.+ 1 Samuel 31:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ná Filistifoɔ ne Israelfoɔ reko,+ na Israel mmarima dwane firii Filistifoɔ no anim, na wɔtotɔɔ+ Bepɔ Gilboa+ so. 2 Samuel 1:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛnna aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no kaa sɛ: “Mekɔpuee Bepɔ Gilboa+ so, na mehunuu sɛ Saul twere ne pea,+ na hwɛ! ná nteaseɛnam sotefoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ no ato no awie.+ 2 Samuel 1:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mo, Gilboa mmepɔ,+ mma bosuo anaa nsuo nntɔ nngu mo so, na mma ayɛyɛdeɛ kronkron+ mmfifi mo nsase so,Ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔguu ahoɔdenfoɔ kyɛm ho fĩ,Saul kyɛm no, na wɔannya bi a wɔasra ho ngo.+ 1 Berɛsosɛm 10:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɛbaa sɛ, adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛyiyi awufoɔ no ho nneɛma,+ na wɔkɔpuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Bepɔ Gilboa+ soɔ.
4 Ɛnna Filistifoɔ boaboaa wɔn ho ano, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban wɔ Gilboa.+
31 Ná Filistifoɔ ne Israelfoɔ reko,+ na Israel mmarima dwane firii Filistifoɔ no anim, na wɔtotɔɔ+ Bepɔ Gilboa+ so.
6 Ɛnna aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no kaa sɛ: “Mekɔpuee Bepɔ Gilboa+ so, na mehunuu sɛ Saul twere ne pea,+ na hwɛ! ná nteaseɛnam sotefoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ no ato no awie.+
21 Mo, Gilboa mmepɔ,+ mma bosuo anaa nsuo nntɔ nngu mo so, na mma ayɛyɛdeɛ kronkron+ mmfifi mo nsase so,Ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔguu ahoɔdenfoɔ kyɛm ho fĩ,Saul kyɛm no, na wɔannya bi a wɔasra ho ngo.+
8 Ɛbaa sɛ, adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛyiyi awufoɔ no ho nneɛma,+ na wɔkɔpuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Bepɔ Gilboa+ soɔ.