10 Adeɛ kyeeɛ no,+ Onyankopɔn maa honhom bɔne baa Saul so,+ enti ɔyɛɛ sɛ odiyifoɔ+ wɔ fie hɔ; ná Dawid de ne nsa rebɔ sankuo+ sɛdeɛ ɔyɛ kane nna no, na na pea kura Saul nsam.+
6 Na Saul tee sɛ wɔahunu baabi a Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ. Ná Saul te Gibea, tamarisk+ dua no ase wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ kura ne pea+ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
12 Enti Dawid faa pea ne nsutoa no firii Saul atifi, na wɔsii kwan so; obiara anhu wɔn,+ na obiara nso ante wɔn nka, na obiara annyane; ná wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ Yehowa na ɔmaa wɔdaa hatee.+