11 Na ɛbaa sɛ wɔn a wɔni no kane no hunuu no no, hwɛ, na ɔne adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm. Enti nkurɔfoɔ bisabisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+
24 Ɔno nso yii ne ntadeɛ guu hɔ, na ɔno nso yɛɛ sɛ odiyifoɔ wɔ Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mũ nyinaa ne anadwo mũ nyinaa.+ Ɛno nti na wɔka sɛ: “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+