Leviticus 26:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Mo ahoɔden bɛsɛe kwa, ɛfiri sɛ mo mfuo remma ne nnɔbaeɛ+ na asase so nnua renso aba.+ Deuteronomium 11:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+
17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+