20 Yehoiada+ ba Benaia,+ ɔkokoɔdurofoɔ aseni no yɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel;+ ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no. Ɔno ara nso na ɔsiane kɔkum gyata+ wɔ asubura mu da bi a sukyerɛmma tɔeɛ no.+
38 Ɛnna ɔsɔfoɔ Sadok+ ne odiyifoɔ Natan+ ne Yehoiada ba Benaia+ ne Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ no siane kɔeɛ, na wɔmaa Solomon tenaa Ɔhene Dawid afunumupɔnkɔ no so+ de no kɔɔ Gihon.+
5 Ɔpanin a ɔda kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔba bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa ano ne ɔsɔfo panin Yehoiada+ ba Benaia;+ nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu.