1 Berɛsosɛm
27 Israel mma a wɔba bɛsom kɔ bosome biara wɔ afe biara mu abosome nyinaa mu no, na kuo biara mu nnipa yɛ mpem aduonu nnan. Wɔyɛ agyanom+ abusuafie mpanimfoɔ ne apem apem ne ɔha ha+ so ahwɛfoɔ,+ ne wɔn mpanimfoɔ a wɔsom+ ɔhene wɔ akuo no ho nsɛm nyinaa mu.
2 Deɛ ɔda kuo a ɛdi kan a wɔba bosome a ɛdi kan ano ne Sabdiel ba Yasobeam;+ nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 3 Peres+ asefoɔ no bi, wɔn a wɔdeda mpanimfoɔ no nyinaa ano no na wɔde wɔn too bosome a ɛdi kan. 4 Deɛ ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so mmienu ano ne Dodai+ a ɔfiri Ahohi,+ ɔne ne dɔm, na Miklot ne wɔn panin; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 5 Ɔpanin a ɔda kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔba bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa ano ne ɔsɔfo panin Yehoiada+ ba Benaia;+ nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 6 Benaia+ yi ne aduasa no mu dɔmmarima+ a ɔda aduasa no ano; ne ba Amisabad na ɔda ne kuo no ano. 7 Deɛ ɔtɔ so nnan a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nnan ano ne Yoab nua+ Asahel,+ na ne ba Sebadia bɛsii n’ananmu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 8 Ɔpanin a ɔtɔ so nnum a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nnum ano ne Samhut+ a ɔfiri Yesrahia; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 9 Deɛ ɔtɔ so nsia a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nsia ano ne Tekoani+ Ikes+ ba Ira;+ nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 10 Deɛ ɔtɔ so nson a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nson ano ne Efraim aseni Heles+ a ɔfiri Pelon;+ nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 11 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nwɔtwe ano ne Husani Sibekai+ a ɔfiri Serafoɔ+ mu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 12 Deɛ ɔtɔ so nkron a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so nkron ano ne Anatotni+ Abiesar+ a ɔfiri Benyaminfoɔ mu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 13 Deɛ ɔtɔ so du a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so du ano ne Netofani Maharai+ a ɔfiri Serafoɔ+ mu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 14 Deɛ ɔtɔ so dubaako a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so dubaako ano ne Piratonni Benaia+ a ɔfiri Efraimfoɔ+ mu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu. 15 Deɛ ɔtɔ so dumienu a ɔda kuo a wɔba bosome a ɛtɔ so dumienu ano ne Netofani Heldai+ a ɔfiri Otniel asefoɔ mu; nnipa mpem aduonu nnan na wɔwɔ ne kuo no mu.
16 Wɔn a wɔdii Israel mmusuakuo+ soɔ nie: Rubenfoɔ mu, Sikri ba Elieser na ɔda wɔn ano; Simeonfoɔ mu, Maaka ba Sefatia; 17 Lewifoɔ mu, Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu, Sadok;+ 18 Yudafoɔ mu, Dawid nua+ Elihu;+ Isakarfoɔ mu, Mikael ba Omri; 19 Sebulonfoɔ mu, Obadia ba Yismaia; Naftalifoɔ mu, Asrel ba Yerimot; 20 Efraimfoɔ mu, Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fã mu, Pedaia ba Yoel; 21 Manase abusuakuo fã a ɛwɔ Gilead no mu, Sakaria ba Ido; Benyaminfoɔ mu, Abner+ ba Yaasiel; 22 Danfoɔ mu, Yeroham ba Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo mu mpanimfoɔ.+
23 Dawid ammu wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ no ano, ɛfiri sɛ na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ 24 Seruia ba Yoab+ firii aseɛ sɛ ɔrekan nnipa no, nanso wanwie;+ ɛho abufuo+ baa Israel so, enti wɔantwerɛ wɔn dodoɔ no wɔ Ɔhene Dawid berɛ so nsɛm no mu.
25 Adiel ba Asmawet na ɔhwɛɛ ɔhene akoradeɛ+ soɔ, na Usia ba Yonatan na ɔhwɛɛ asase+ no so nkuro+ ne nkuraa ne abantenten mu akoradeɛ soɔ. 26 Deɛ ɔhwɛɛ wɔn a wɔyɛ afuo+ mu adwuma soɔ, wɔn a wɔdɔ asase no, ne Kelub ba Esri. 27 Simei a ɔfiri Rama na ɔhwɛɛ bobe nturo+ soɔ, na Sifmotni Sabdi na ɔhwɛɛ bobe nturo mu nneɛma a wɔde yɛ bobesa soɔ. 28 Baal-Hanan a ɔfiri Geder na ɔhwɛɛ ngodua nturo ne sikamɔɔ+ nnua a ɛwɔ Sefela+ no soɔ, na Yoas na ɔhwɛɛ ngo+ soɔ. 29 Saronni Sitrai na ɔhwɛɛ mmoa a wɔdidi wɔ Saron+ no soɔ, na Adlai ba Safat na ɔhwɛɛ mmoa a wɔdidi asasetamaa soɔ no soɔ. 30 Ismaelni+ Obil na ɔhwɛɛ yoma+ soɔ, na Meronitni Yedia na ɔhwɛɛ mfunumu soɔ. 31 Hagrini Yasis na ɔhwɛɛ nnwan soɔ. Yeinom nyinaa yɛ mpanimfoɔ a wɔhwɛɛ Ɔhene Dawid nneɛma soɔ.
32 Ná Dawid nua ba Yonatan+ yɛ ɔfotufoɔ ne ɔtwerɛfoɔ, ɔbarima a ɔwɔ nteaseɛ;+ Hakmoni+ ba Yehiel na na ɔne ahenemma+ no nam. 33 Ná Ahitofel+ yɛ ɔhene fotufoɔ,+ na Arkini+ Husai+ yɛ ɔhene yɔnko.+ 34 Ahitofel akyi no, na Benaia+ ba Yehoiada ne Abiatar+ nso yɛ afotufoɔ, na Yoab+ ne ɔhene sahene.