12 Afei nso, berɛ a Absalom bɔɔ afɔdeɛ no, ɔsoma kɔfrɛɛ Giloni+ Ahitofel,+ Dawid fotufoɔ+ no, firii ne kurom Gilo+ baeɛ. Atirisopam+ no mu kɔɔ so yɛɛ den, na nnipa a wɔbɛkaa Absalom ho no dɔɔso ara.+
23 Nna no mu no, na Ahitofel afotuo te sɛ deɛ obi akɔ nokorɛ Nyankopɔn nkyɛn akɔbisa biribi. Saa na na Ahitofel+ afotuo+ nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom nyinaa.
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamanseɛ,+ na ɔsɛn+ ne ho wuiɛ.+ Na wɔsiee+ no n’agyanom asieeɛ.