22 Ɛhɔ ara na ɔbaa no de ne nyansa+ kɔɔ ɔmanfoɔ no nyinaa nkyɛn, na wɔkɔtwaa Bikri ba Saba ti, na wɔto maa Yoab. Ɛnna ɔhyɛnee abɛn+ maa wɔfirii kuro no ho hweteeɛ, na obiara kɔɔ ne fie; Yoab deɛ, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na wama meda so te me papa Dawid ahennwa soɔ,+ na wama manya fie+ sɛdeɛ ɔkaeɛ+ no, te aseɛ yi,+ ɛnnɛ Adoniya bɛwu.”+
9 Afei Harbona+ a ɔyɛ ɔhene mpanimfoɔ+ no baako kaa sɛ: “Haman ayɛ dua+ bi a ne tenten yɛ basafa aduonum wɔ ne fie sɛ wɔnsɛne Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no wɔ so.”+ Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.”+