Dwom 22:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 M’ahoɔden asa sɛ kyɛmferɛ,+Me kɛtrɛma afam me dodom;+Owuo mfuturo mu na wode me asie.+ Mmebusɛm 18:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Onipa honhom tumi soa ne yareɛ,+ na honhom a ɛyareɛ deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?+ 2 Korintofoɔ 7:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na Onyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakra a ɛkɔ nkwagyeɛ mu a ɛnsɛ sɛ obi nu ne ho wɔ ho;+ nanso wiase awerɛhoɔ de owuo ba.+
10 Na Onyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakra a ɛkɔ nkwagyeɛ mu a ɛnsɛ sɛ obi nu ne ho wɔ ho;+ nanso wiase awerɛhoɔ de owuo ba.+