Mmebusɛm 10:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Akoma mu nyansafoɔ bɛgye mmara nsɛm atom,+ na deɛ ɔde n’ano ka nkwaseasɛm deɛ, wɔbɛtiatia ne so.+ Mmebusɛm 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Anyansafoɔ na wɔkora nimdeɛ,+ na ɔkwasea ano deɛ, ɛbɛn ɔsɛeɛ.+ Mmebusɛm 13:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Deɛ ɔkora n’ano no hwɛ ne kra so.+ Deɛ ɔnka n’ano ntom no—ɔbɛsɛe.+ Ɔsɛnkafoɔ 10:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Onyansafoɔ anom asɛm yɛ adom,+ na ɔkwasea ano deɛ, ɛbɛmene no.+