1 Ahemfo 10:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Anigyeɛ ne wo nkurɔfoɔ;+ anigyeɛ+ ne wo nkoa yi a wɔgyina w’anim daa tie wo nyansa no!+ Hiob 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Deɛ ɔrehwe aseɛ no, wo nsɛm ama no asɔre agyina;+Na nkotodwe a ahodwo no, woahyɛ no den.+ Dwom 37:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Ɔteneneeni ano ka anyansasɛm wɔ n’akomam,+Na ne kɛtrɛma ka asɛntenenee.+ Mmebusɛm 10:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔteneneeni ano yɛn nnipa pii,+ na nkwaseafoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti, wɔwuwu.+ Luka 4:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+ Efesofoɔ 4:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+
22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+
29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+