1 Ahemfo 4:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ná Yuda ne Israel dɔɔso, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea;+ wɔdidi nomeeɛ, na wɔdii ahurisie.+ Dwom 33:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+ Dwom 144:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Anigyeɛ ne nnipa a ɛwie wɔn saa!”Anigyeɛ ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!+