Mmebusɛm 15:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Yehowa suro yɛ ntenesoɔ a ɛma nyansa,+ na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.+ Mmebusɛm 22:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ahobrɛaseɛ ne Yehowa suro—ɛde ahonya ne animuonyam ne nkwa na ɛba.+ Mmebusɛm 29:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔdasani ahantan na ɛbɛbrɛ no aseɛ,+ na deɛ ne honhom dwoɔ no bɛnya animuonyam.+ Luka 14:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.”+ 1 Petro 5:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+
5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+