Mmebusɛm 18:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Deɛ ɛdi asehweɛ anim ne sɛ onipa akoma bɛma ne ho soɔ,+ na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.+ Mmebusɛm 29:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔdasani ahantan na ɛbɛbrɛ no aseɛ,+ na deɛ ne honhom dwoɔ no bɛnya animuonyam.+ Luka 14:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.”+ Yakobo 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Mommrɛ mo ho ase Yehowa anim,+ na ɔbɛma mo so.+
12 Deɛ ɛdi asehweɛ anim ne sɛ onipa akoma bɛma ne ho soɔ,+ na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.+