Deuteronomium 7:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+ 2 Ahemfo 6:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Nsuro,+ ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho.”+ Dwom 18:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mesu mefrɛ Yehowa, Ɔno a ɔfata ayeyie+ no,Na ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.+ Dwom 115:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Mo a mosuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+ 2 Korintofoɔ 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu, na ɔbɛgye yɛn;+ na yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+ Hebrifoɔ 11:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 dwodwoo egya ano,+ dwanee nkrantɛ ano,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ ɛko mu nnɔmmarima,+ kaa ananafoɔ dɔm guiɛ.+
21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+
10 Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu, na ɔbɛgye yɛn;+ na yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+
34 dwodwoo egya ano,+ dwanee nkrantɛ ano,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ ɛko mu nnɔmmarima,+ kaa ananafoɔ dɔm guiɛ.+