3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ meboaboa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn kɔ soɔ no mu a,+ me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asase so,+ asase a mede maa m’akoa Yakob no.+