3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+
12 Na ɔbɛma ahyɛnsodeɛ bi so ama aman no na waboaboa Israelfoɔ a wɔapeteɛ no ano,+ na ɔbɛka Yudafoɔ a wɔahweteɛ no afiri asase no afanan+ nyinaa aboa ano.
18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mu atukɔfoɔ no ano+ na mahunu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no+ so, na abantenten no bɛsi ne sibea bio.+
11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako+ na wɔde baako asi wɔn so sɛ wɔn ti; na wɔbɛfiri asase no so aba,+ na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+