12 Na ɔbɛma ahyɛnsodeɛ bi so ama aman no na waboaboa Israelfoɔ a wɔapeteɛ no ano,+ na ɔbɛka Yudafoɔ a wɔahweteɛ no afiri asase no afanan+ nyinaa aboa ano.
18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anante saa nna no mu, na wɔn mmienu bɛfiri adi afiri atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+
3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkaeɛ nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nnwankuo a wɔwɔ nnwammuo mu, te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+