1 Berɛsosɛm 29:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ badwa+ no nyinaa sɛ: “Monhyira+ Yehowa mo Nyankopɔn.” Na badwa no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase+ de wɔn anim butubutuu fam+ wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wɔhyiraa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no. Dwom 34:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Mɛhyira Yehowa berɛ nyinaa;+N’ayeyie rempa m’anom da.+ Dwom 72:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn;+Deɛ ɔno nko yɛ anwanwadwuma no.+ Dwom 113:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Nhyira nka Yehowa din+Firi nnɛ kɔsi daa.+
20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ badwa+ no nyinaa sɛ: “Monhyira+ Yehowa mo Nyankopɔn.” Na badwa no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase+ de wɔn anim butubutuu fam+ wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wɔhyiraa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.