Daniel 7:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Yei akyi no, mehwɛeɛ ara, na hwɛ! aboa foforɔ nie. Ɔte sɛ sebɔ,+ na ɔwɔ anomaa ntaban nnan wɔ n’akyi. Aboa no wɔ tire nnan,+ na wɔmaa no tumi. Daniel 8:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔpapo a ne ho wɔ nwi bebree no nso gyina hɔ ma Hela hene,+ na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no gyina hɔ ma ɔhene a ɔdi kan no.+ Daniel 10:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Enti ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn no? Afei mɛsan ne Persia+ safohene no akɔko. Sɛ merekɔ a, hwɛ! Hela safohene no nso bɛba.+ Daniel 11:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Na ɔhenkɛseɛ bi bɛsɔre, na ɔbɛdi tumi akɔ akyiri+ na wayɛ deɛ ɔpɛ.+
6 “Yei akyi no, mehwɛeɛ ara, na hwɛ! aboa foforɔ nie. Ɔte sɛ sebɔ,+ na ɔwɔ anomaa ntaban nnan wɔ n’akyi. Aboa no wɔ tire nnan,+ na wɔmaa no tumi.
21 Ɔpapo a ne ho wɔ nwi bebree no nso gyina hɔ ma Hela hene,+ na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no gyina hɔ ma ɔhene a ɔdi kan no.+
20 Enti ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn no? Afei mɛsan ne Persia+ safohene no akɔko. Sɛ merekɔ a, hwɛ! Hela safohene no nso bɛba.+