18 “‘Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnesar, mesoeɛ. Na afei wo, Beltesasar, kyerɛ aseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ a wɔaka nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ.+ Nanso wo deɛ, ɛsiane sɛ wowɔ anyame kronkron no honhom nti,+ megye di sɛ wobɛtumi.’
16 Mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase+ na wosane apɔ. Enti sɛ wotumi kenkan ntwerɛdeɛ yi na wokyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo tankɔkɔɔ de sika kɔnmuadeɛ agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi tumi wɔ ahennie yi mu.”+