8 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛasoso adaeɛ, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ aseɛ ama yɛn.” Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase?+ Monka nkyerɛ me.”
28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahunu deɛ ɛbɛba nna a ɛdi akyire no mu.+ Wo daeɛ ne anisoadehunu a wonyaa no wo mpa soɔ no nie: