7 “Yei akyi no, mehwɛeɛ ara anadwo anisoadehunu no mu, na hwɛ! aboa a ɔtɔ so nnan nie. Ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔwɔ ahoɔden boro so.+ Ɔwɔ dadeɛ sẽ akɛseɛ. Ɔmemene bubu nneɛma mu, na nkaeɛ no, ɔde ne nan tiatia so. Ɛsono ɔno na ɛsono mmoa a wɔdii n’anim no nyinaa koraa, na ɔwɔ mmɛn du.+