17 Na mmerantewaa nnan yi, nokorɛ Nyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu,+ na Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+
23 O m’agyanom Nyankopɔn, wo na meyi wo ayɛ kamfo woɔ,+ ɛfiri sɛ woama me nyansa+ ne tumi. Na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ no adi akyerɛ me, na ɔhene asɛm no, woama yɛahunu.”+
9 “‘Akɔmfoɔ panin+ Beltesasar, menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu,+ na ahuntasɛm biara nni hɔ a ɛkyere wo soɔ,+ enti ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.+